Psalms 29

Awurade nne wɔ ahum mu

1Mo ɔsorosorofo, monkamfo Awurade; monkamfo nʼanuonyam ne ne tumi.
2Monkamfo ne din a anuonyam ahyɛ no ma no.
Sɛ Kronkronni no pue a, monkotow no.
3Wɔte Awurade nne wɔ ɛpo so.
Anuonyam Nyankopɔn bɔ aprannaa ma ne nne tra ɛpo so.
4Wɔte Awurade nne wɔ tumi ne ahoɔden mu.
5 Awurade nne bubu sida,
Lebanon sida mpo.
6Ɔma Lebanon ne Sirion mmepɔw nyinaa huruhuruw te sɛ nantwi ba.
7 Awurade nne ma aprannaa pae.
8Ne nne ma sare so wosow.
Ɔwosow Kadeɛ sare.
9 Awurade nne wosow adum ma ɛso nhaban porow gu bere a obiara a ɔwɔ ne Fi no teɛm se, “Anuonyam nka Onyankopɔn!” no.
10 Awurade di nsu a emu dɔ nyinaa so; odi hene daa daa.
11 Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden, hyira wɔn, ma wɔn asomdwoe nso.
Copyright information for TwiNAK